Lyrics to "Pimpinaa" song by Obrafour ft. Bisa Kdei

               OBRAFOUR LYRICS

                      PIMPINAA

                   (Ft. Bisa Kdei)

[Hook, Bisa Kdei]

Pimpinaa Abenaa (Abenaa)
Mma y3n ntwe mpena, Abenaa (may3n twe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Mep3s3 mene wo tena (tena)
Nana Nana (Nana)
Mma y3n ntwe mpena, Abenaa. (may3n twe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Mep3s3 mene wo tena (tena)

[Verse 1, Obrafour]

Ei, wos3 aware3 nti fa me k)fie k)hu w'abusua,
M3 y3 wo ho ade3, me hy3 wo sika k)k)) mpatia,
Y3d) y3n ho a, y3n gye akyiny3 eh,
M'akoma fam wo ho oh, Nyame ama eh.
Abenaa eh, ma me nhy3 wo kawa,
M'akoma fam wo ho oh  obi d) ba eh.

[Hook, Bisa & Obrafour]

Pimpinaa Abenaa (Abenaa)
Mma y3n ntwe mpena Abenaa, (mma y3n ntwe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Mep3s3 mene wotena.
Abenaa Abenaa eh, you are the one,
There is nobody but you,
I'm waiting for the day,
they'll be rolling the carpet for me and you.
Pimpinaa Abenaa
Mma y3n ntwe mpena Abenaa.

[Verse 2, Obrafour]

Ok what,
Ohemaa ne ho y3f3, (neho y3f3)
N'ahobrase3 no na eku me k3k3,
Bisa wonim s3 naano yi ara na me see no p3?
Mesee no s3 )mma menhy3 n'akoma mu ahenky3
Hw3, w'apene so p3p33p3,
Nti m'ahy3 ne b) s3 )b3 te me nka, 3nky3.
Me mp3 mpenatwe, 3ny3 animuonyam hy3.
Afei nso me mp3s3 mede ne d) no b3to nt3 (b3to
nt3)
Anigye3 bi ab3hy3 me mu,
Mehu no a na me haw mpo mewer3 afi (saa)
Me nni akyire nsuti,
Brand new car with a tri number de3
mesi no pi m'3license ansa na m'atwi (ansa na
m'atwi)
Okwakuo se de3 3hy3 n'afono mu na 3y3 ne dea,
Obofo) ne de3 ne nam ho apaso (yes)
Me mma wonfiri wofie mm3da awohyea,
3ba no saa a, amamer3 m'anni so.
Mede kawa si so a,
Y3k) si-sign na medin da wo so a,
Me nya )sofopon bib3 hyira so a,
3no a ansa na m'3hunu s3 wo d) no ab) toa, away.

[Hook, Bisa]

Pimpinaa Abenaa (Abenaa)
Mma y3n ntwe mpena Abenaa, (mma y3n ntwe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Me p3s3 me ne wo tena (tena).
Nana Nana (Nana)
Mma y3n ntwe mpena Abenaa, (mma y3n ntwe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Me p3s3 me ne wo tena (tena)

[Verse 3, Bisa]

Maabenaa, dom me 3,
Me nk) hu woni ne wose,
Me ns) wonsa nk) fie,
Nana me mp3 mepenatwe,
Tworo kronkron no si no pi,
Hw3, m'anware wo a menya obi,
Menya o, menya obi, mengyaa wo mma obi,
Abenaa mma y3n twe mpena
Y3n ware nni agor) pimpinaa eh.

[Hook, Obrafour & Bisa]

Abenaa (eh), Abenaa (Abenaa), Maabenaa (ahh)
Abenaa (medo eh), Abenaa (ahh), Maabenaa (Abenaa)
Abenaa (medo eh), wo da soronko w) )man mu,
M'anya wo yi, mengyae wo mu da. (mengyai wo
mu da)
M'aka ntam s3 mede wob3k) me fie eh eh.
3firi akoma mu, )d) y3wu me nni wo ho agoro da.
(me nni wo ho agoro da)
Aber3 nyinaa mu no m'ama wo anidie eh eh.
Pimpinaa Abenaa (Abenaa)
Mma y3n ntwe mpena Abenaa, (mma y3n ntwe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Me p3s3 me ne wo tena (tena)
Nana Nana (Nana)
Mma y3n ntwe mpena Abenaa, (mma y3n ntwe mpena)
Maabenaa (Abenaa)
Me p3s3 me ne wo tena (tena)
Pimpinaa Abenaa.

No comments:

Post a Comment